Nacee – Aseda Lyrics

Entertainment Uncategorized
Osu a mesuueɛ yi, Woayi me afiri mu oAmaneɛ a mekɔɔ mu yi, Nyame, Woayi me afiri mu o
Yɛsumm fidie maa me, yɛtuu amena maa meYɛkaa ntam guu me so sɛ me, menyɛ yie da wɔ abrabɔ yi muNso monhwɛ nea Nyame ayɛ
ah
(Mefiri m’akoma mu nyinaa, meda Wo ase o)Deɛ Woayɛ yi ɛsɔ m’ani o (a-ase-)Deɛ Woayɛ yi ɛsɔ m’ani (da) eh-eh(Mefiri m’akoma) yeah-yeah (mu nyinaa) oh, oh(Meda Wo ase o) oboni a, nti Nyame
Ɛnnɛ deɛ me nso manya (mefiri) yafunu (m’akoma) awo
(Mu nyinaa, meda Wo ase o)Ɛnnɛ, me nso yɛreba abɛyɛ me ho adeɛ(A-A) ei (-se) Nyame, Wowɔ hɔ (-da), Woate?Agya ei (mefiri m’akoma) Woayɛ bi o (mu nyinaa)Woayɛ bi o (meda Wo ase o)
Mpaeɛ a mebɔɔeɛ yi, ɛso aba mfasoɔ ama meAkɔmkyere a mekyereeɛ yi, ɛso aba mfasoɔ ama me, ah
Sɛ menim sɛ Wobɛyɛ me sei a, anka mansu daMenim sɛ Wobɛyɛ me sei a, Agya, nka mankasa antia Wo da
Mese adeɛ a Woayɛ yi deɛ, a-ase-eda eiMefiri me honam mu nyinaa, me deɛ, meda Wo ase o, eh
Aseda ei, mefiri me nipadua mu nyinaa, meda Wo ase oM’aseda nwom nie
daMefiri m’akoma mu nyinaa, meda Wo ase oDeaa Woayɛ yi ɛsɔ m’ani o(A-ase) deaa Woayɛ yi ɛsɔ m’ani (da) ɛsɔ m’ani(Mefiri m’akoma mu nyinaa) ɛsɔ m’ani (meda Wo ase o)
Mpaeɛ a mebɔɔeɛ yi, ɛso aba mfasoɔ ama meAfɔdeɛ a meyiiɛ yi, ɛso aba mfasoɔ ama meMenim sɛ Wobɛyɛ me sei a, ei, anka manwiinwinNyame, menim sɛ Wobɛhyira me ama no abu so deaa
Anka mankasa antia Wo da, mese m’aseda nsa da o
mɛka o(Mefiri m’akoma mu nyinaa) yɛmfa N’aseda mma no woate? Ah(Meda Wo ase o) deaa Woayɛ yi, ɛboro me so o, eh(A-) ɛboro me so o (se) ɛboro me so o (da)(Mefiri m’akoma mu nyinaa) ah (meda Wo ase o)Ɛboro me so, yɛrekɔ a metumi kɔ bi o
m’akoma
(Meda Wo ase o) obonin a ɔte sɛ me ei(A) odwamanmmɔni a (se) bi te sɛ me (da)Adedamfikire bi (mefiri m’akoma mu nyinaa) ɔte sɛ meMeda Wo ase (meda Wo ase o)
source: musixmatch

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *